Sign in
Sign in
Sign in
Select Language
011

Hud 11:100 ذالك من انباء القرى نقصه عليك منها قايم وحصيد ١٠٠

11:100
ذَٰلِكَ
مِنۡ
أَنۢبَآءِ
ٱلۡقُرَىٰ
نَقُصُّهُۥ
عَلَيۡكَۖ
مِنۡهَا
قَآئِمٞ
وَحَصِيدٞ
١٠٠
(Ɔkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yεrebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻ hͻ, ebi nso yɛatwa (wͻn) agu (anaasε yɛabͻ no korakora).
Continue Reading

Read Tafsir

Ibn Kathir (Abridged)

The Lesson taken from the Destroyed Towns

When Allah mentioned the story of the Prophets and what happened with them and their nations -- how He destroyed the disbelievers and saved the believers -- He goes on to say,

ذَلِكَ مِنْ أَنْبَآءِ الْقُرَى

(That is some of the news of the (population of ) tow

…

The Lesson taken from the Destroyed Towns

When Allah mentioned the story of the Prophets and what happened with them and their nations -- how He destro

…
More Tafsirs

Read in Context

Chapter 11, Page 233, Juz 12

96. Ampa sε, Yεde Yεn nsεnkyerεnee ne tumi pefee somaa Mose, 97. Maa no kͻͻ Farao ne n'ahemfo no hͻ; nanso wɔdii Farao ahyεdeε so, aberε nso a na Farao ahyεdeε ntenee. 98. Wusɔreε da no ͻbedi ne nkorͻfoͻ no anim de wɔn akͻ Ogya no mu. Na bea bɔne ne faako a yεde wɔn bεkͻ no. 99. Nnomee di wɔn akyi wͻ (wiase) woi mu, εna Wusɔreε da no (nso saa ara). Na akyεdeε bɔne paa ne akyεdeε a yεde bεkyε (wɔn saa Da no.) 100. (Ɔkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yεrebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻ hͻ, ebi nso yɛatwa (wͻn) agu (anaasε yɛabͻ no korakora). 101. Ɛnyε Yεn na Yɛdii wɔn amim, na mmom wɔn ara na wɔdii wɔn ho amim. Ɛberε a wo Wura Nyankopɔn ahyεdeε no baeε no, wɔn anyame no a na wɔfri Nyankopɔn akyi sufrε wɔn no ho amma wͻn mfasoͻ biara, na amfa nkͻsoͻ biara nso amma wͻn, na mmom ͻsεeε (na εde brεε wɔn). 102. Saa ara na wo Wura Nyankopɔn asotwee no teε, sε Ɔretwe nkuro bi a wɔdi bɔne no aso a, nokorε sε N’asotwee a Ɔde twe wɔn no yεya, na ano nso yε den papaapa. 103. Nokorε sε, adesua anaa nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obi a osuro Daakye asotwee no. Saa Da no na yεbεboa nnipa nyinaa ano no, na saa Da no ne Ɛda a (ͻsoro asafo ne asaase so deε nyinaa) bεwͻ hͻ bie. 104. Deε nti Yεretwetwεn (Atemmuda no) soͻ no ne sε, εwͻ εberε a yεde ahyԑ. 105. Ɛda a εbεba no, onipa biara nnkasa, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Wɔn mu bi bεyε tibͻnefoͻ εna (ebinom nso) bεyε tipafoᴐ. 106. Wͻn a wͻbεyε tibͻnefoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no mu, na emu na wͻbɛgu ahome kokoͻ adi apenesie. 107. Wɔbεtena (Ogya no) mu wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Nyankopͻn pε. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn ne (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpԑ. 108. Wͻn a wͻn ti ayε yie no nso wͻ Soro aheman no mu, emu na wᴐbεtena wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Onyankopɔn pε; (εyε) akyεdeε a enni awieε. 109. Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta fa deε (abosomsomfoͻ) woi nom resom no ho. Wͻnnsom hwee, na mmom deε na wɔn agyanom som no kane no ara. Nokorε sε, Yεbɛtua wͻn kyεfa no so ka pεpεεpε ama wͻn a εso nnte koraa.

- Akan Translation (Asante) - Harun Ismail

Notes and Reflections

You do not have any notes or reflections on this verse.

Notes placeholders

Stay Connected to the Quran ❤️

Short meaningful reminders to reset, reflect and stay connected to the Quran.

Read, Listen, Search, and Reflect on the Quran

Quran.com is a trusted platform used by millions worldwide to read, search, listen to, and reflect on the Quran in multiple languages. It provides translations, tafsir, recitations, word-by-word translation, and tools for deeper study, making the Quran accessible to everyone.

As a Sadaqah Jariyah, Quran.com is dedicated to helping people connect deeply with the Quran. Supported by Quran.Foundation, a 501(c)(3) non-profit organization, Quran.com continues to grow as a free and valuable resource for all, Alhamdulillah.

Navigate
Home
Quran Radio
Reciters
About Us
Developers
Product Updates
Feedback
Help
Donate
Our Projects
Quran.com
Quran For Android
Quran iOS
QuranReflect.com
Quran.AI
Sunnah.com
Nuqayah.com
Legacy.Quran.com
Corpus.Quran.com
Non-profit projects owned, managed, or sponsored by Quran.Foundation
Popular Links
Duas from the Quran
Quran Verse of the Day
Ayatul Kursi
Yaseen
Al Mulk
Ar-Rahman
Al Waqi'ah
Al Kahf
Al Muzzammil
SitemapPrivacyTerms and Conditions
© 2026 Quran.com. All Rights Reserved
Contribute